Akan Insights

Akwaaba!


Yɛrefa saa akwanya wei so atenetene mfosoɔ a daa yɛyɛ wɔ aberɛ a yɛretwerɛ

yɛn nwom mu nsɛm wɔ Akan Twi kasa mu ma yɛn adɔfo ahwɛ so ato wɔn nwom

sɛneɛ ɛsɛ ne sɛneɛ ɛfata. Yɛnhyɛ neɛ ɛdidisoɔ yi nso;


1. Akan Twi Kasa Atwerɛdeɛ:

a. Akan Twi kasa atwerɛdeɛ a ɛda nso wiase afana nyinaa mu ne Aa, Bb, Dd,

Ee, Ɛɛ, Ff, Gg, Hh, Ii, Kk, Ll, Mm, Nn, Oo, Ɔɔ, Pp, Rr, Ss, Tt, Uu, Ww, Yy.

Mmara foforɔ biara mma ho kwan sɛ wode ahyɛnsodeɛ foforɔ biara bɛsi

atwerɛdeɛ yi anan mu wɔ kwan biara so.


Nhwɛsoɔ

(i) Med) wo ampa X -> medɔ wo ampa (I truly love you)

(ii) As3m aba X -> asɛm aba (there is trouble)

b. Mpɛn pii no, “Mm” ne atwerɛdeɛ “Bb, Ff, Mm, Pp” na ɛhyia, na “Nn” nso ne

atwerɛdeɛ “Dd, Gg, Hh, Kk, Nn, Ss, Tt” ahyia wɔ nsɛmfua atwerɛ mu.

Nhwɛsoɔ

(i) Mfena (nfena X)

(ii) Mpaboa (npaboa X)

(iii) Nsrahwɛ (msrahwɛ X)

(iv) Nsɛmmisa (msɛmmisa X)


2. Edinnsiananmu ne adeyɔsɛm

a. Sɛ edinnsiananmu ne adeyɔsɛm hyia wɔ ɔkasamu bi mu a, yɛtwerɛ bɔm’,

na yɛnte ntamu

Nhwɛsoɔ

(i) Me + tena -> metena (me tena X)

(ii) Wo + dwene -> wodwene (wo dwene X)

b. Na mmom, sɛ ɛnne nnyegyeeɛ na ɛhyɛ adeyɔsɛm no ase a, beberee no ara,

yɛyi ɛnne nnyegyeeɛ a ɛdi kan no firi hɔ na yɛatwerɛ nea aka no abɔm’.

Edinnsiananmu bi te sɛ ‘wo, mo’ deɛ yɛka bɔm’ twerɛ no saa ara. Yɛmfa

agyinahyɛdeɛ biara nso nsi wɔn mfinfini

Nhwɛsoɔ

(i) Me + aba -> maba (meaba, me aba, m’aba X)

(ii) Mo + aba -> moaba (mo aba X)

(iii) Wo + ama -> woama (wama, w’ama X)


c. Yɛnhyɛ no nso wɔ, kwan a yɛfa so twerɛ edinnsiananmu “wo” ne “ɔno”

wɔhyia adeyɔsɛn bi wɔ ɔkasamu bi mu a. Mpɛn pii no yɛdane wɔn baanu no

twerɛ. Saa nso na yɛnhyɛ no nso sɛ yɛretwerɛ edinnsiananmu “me” ne “mo”

wɔn nso hyia adeyɔsɛm bi wɔ ɔkasamu bi mu a.

Nhwɛsoɔ

(i) Wo + aba -> woaba vs ɔno + aba -> waba

(ii) Me + asoa -> masoa vs mo + asoa -> moasoa


3. Edinnsiananmu ne edin

Sɛ edinnsiananmu ne edin hyia wɔ ɔkasamu bi mu na edinnsiananmu no

reɛkyerɛ edin no wura a, yɛte ntamu na yɛntwerɛ mmɔm’. Mpɛn pii no, yɛde

agyinahyɛdeɛ (‘) ka wɔn mmienu nso bɔm’ ma no yɛ yie wɔ aberɛ a ɛnne

nnyegyeeɛ hyɛ edin no ase.

Nhwɛsoɔ

(i) Me + mpaboa -> me mpaboa (my shoe)

(i) Wo + ataade -> w’ataade (your piece of clothing)


4. Twam kabea adeyɔsɛm

Sɛ yɛretwerɛ adeyɔsɛm wɔ Akan Twi kasa mu a, mpɛn pii no, yɛtwerɛ anum

nnyegyeeɛ a ɛtwa adeyɔsɛm no to no mmienu, na yɛde “e”, “ɛ” anaa “i” toa so

sɛneɛ ɔdwomtoni anaa anwomtofoɔ no to no pɛpɛɛpɛ. Hyɛ no nso sɛ, yɛmfa “y”

nka saa atwerɛ yi ho da biara da.

Nhwɛsoɔ

(i) Me + kɔ -> mekɔɔe anaa mekɔɔeɛ (mekɔɔyɛ X)

(ii) ɔno + wu -> ɔwuii anaa ɔwuiiɛ, (ɔwuuyɛ X)


5. Mpɛn pii no, sɛ adwontofoɔ de asɛmfua “mu” reka edin bi ho, akyerɛ beaeɛ a,

wɔtaa ka nsɛm mmienu no bɔ mu esan sɛ saa na ɛbɛma wɔn nwom no awie

pɛeɛ. Ɛba no saa a, yɛka wɔn baanu bɔm’, na yɛde agyinahyɛdeɛ “ ‘ “ asi “u” no

anan mu. Mmom, yɛaka yeinom bi ama no afra Akan Twi kasa no, nti wɔn deɛ,

agyinahyɛdeɛ no ho nhyɛ da nhia saa

Nhwɛsoɔ

(i) Mpaboa + mu -> mpaboam’ (in the shoe)

(ii) Akonnwa + mu -> akonnwam’ (in the seat)


6. Yɛnhyɛ no nso bio, sɛ pɔtɔ kasa nsɛmfua biara a ɔdwontoni bi de bɛka Akan

Twi kasa ho wɔ ne nwontoɔ ho biara no yɛtwerɛ no pɔtɔ kasa mu pɛpɛɛpɛ, gye

deɛ yɛwɔ no Twi kasa nsiananmu nko ara. Na ne nyinaa mu no, nsɛm a

ɔdwontoni no kaaeɛ na yɛtwerɛ, anaa deɛ ɔdwontoni no ahyɛ sɛ yɛntwerɛ mma

no nko ara na yɛtwerɛ. Mmɔ wo tirim’ ntwerɛ biribi mfa nsi deɛ wɔaka no wɔ

nwom no mu anan mu da biara da.


7. Adwontofoɔ no bi nso taa fa pɔtɔ kasa adeyɔsɛm dane no Akan Twi kasa nsɛm

wɔ wɔn nwom mu. Ɛba no saa a, yɛtwerɛ pɔtɔ kasasɛm no pɛpɛɛpɛ na yɛama no

adi Akan Twi kasa adeyɛsɛm ho mmara so pɛpɛɛpɛ. Mmom, hwɛ sɛ nnyegyeeɛ a

ɛsɛ na wode bɛtwa toɔ

Nhwɛsoɔ

(i) Yɛahitte -> We’ve become ‘hits’/famous

(ii) Monlinke yɛn nso bi -> Link us up as well

(iii) Ɔshockoo me ɛnora anɔpa -> He left me in shock yesterday morning


8. Edin ne edinnsiananmu biara a yɛde gyina ma Nyankopɔn wɔ ɔkasamu biara

mu no, yɛde atwerɛdeɛ akɛseɛ na ɛdi kan, de akyerɛ annidie.

Nhwɛsoɔ

(i) Agya Onyame, W’ayemye dɔɔso

(ii) Twereduampɔn Kwame a Ɔbɔɔ soro, bɔɔ asaase


9. Afei, yɛnhyɛ deɛ ɛdidisoɔ yi nso, na yɛanyɛ saa mfomsoɔ yi bio

NSƐMFUA MFOMSOƆ X PƆTƆ KASA NHWƐSOƆ
Ɔdɔ Odo Love Ɔdɔ yɛ dɛ sene sika
Ɔdɔyɛwu Odoyewu Love (as an endearment)

Ɔdɔyɛwu dɔ me na me nso

medɔ no bi

Medɔ Me dɔ I love Medɔ no wɔ m’akoma mu yie
Me dɔ Medɔ My love Me dɔ wiase nan kyiri abosea
Bɛn Ben Which Aseda bɛn?
Boa Bua Help Boa me, wai?
Woate Wate Okay? = You've heard

Hwɛ yie, woate?

Woate me aseɛ deaa, mawie

Twereduampɔn

Tweediampong,

Tweediampon

The Dependable

One

Twereduampɔn Nyankopɔn,

yɛda Wo ase


10. Wei nyinaa akyiri no, sɛ biribi kyere w’adwene a, bɔ mmɔden sɛ wobɛbisa wɔ

“#Multi-language-lyrics”, ‘#african-team anaa #ghanaian-team so wɔ yɛn Slack

platforms no so, na gye mmoa anaa nkyerɛmu biara a wohia.

Did this answer your question? Thanks for the feedback There was a problem submitting your feedback. Please try again later.